Yesaia 18:3
Isaiah 18:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo ewiasefoɔ nyinaa, mo a motete asase so, sɛ wɔpagya frankaa wɔ bepɔ no so a, mobɛhunu. Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, mobɛte.
Isaiah 18:3 in English
Isaiah 18:3 · Berean Standard Bible
All you people of the world and dwellers of the earth, when a banner is raised on the mountains, you will see it; when a ram’s horn sounds, you will hear it.
Context
1Due, asase a ntaban nnyegyeeɛ wɔ so
wɔ Kus nsubɔntene ho, 2a ɔsoma ananmusifoɔ a wɔnam ɛpo so
a wɔde paparɔs abonto fa nsuo ani.
Monkɔ, asomafoɔ ahoɔherɛfoɔ,
monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom no nkyɛn,
nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,
aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,
na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu. 3Mo ewiasefoɔ nyinaa,
mo a motete asase so,
sɛ wɔpagya frankaa wɔ bepɔ no so a,
mobɛhunu.
Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a,
mobɛte. 4Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me,
“Mɛtena mʼatenaeɛ na mahwɛ biribiara dinn.
Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ,
te sɛ ɛbɔ a ɛsi wɔ otwa berɛ mu.” 5Ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhyerɛnne berɛ atwam no,
na nhwiren no anyini adane bobe no,
wɔde nsɔsɔ bɛtwitwa mman no;
wɔbɛtwitwa mman a ɛredendan no akɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.