Yesaia 15:7
Isaiah 15:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ no wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa.
Isaiah 15:7 in English
Isaiah 15:7 · Berean Standard Bible
So they carry their wealth and belongings over the Brook of the Willows.*
Context
5Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu;
nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar,
ne Eglat Selisiya.
Wɔforo kɔ Luhit,
wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;
Horonaim ɛkwan so nso
wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ. 6Nimrim nsuwansuwa awewe
na ɛserɛ no ahye
afifideɛ nyinaa ayera
na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono. 7Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ no
wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa. 8Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so;
wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaim
na wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim. 9Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaa
nanso mɛkɔ so ne no adi.
Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no so
ne wɔn a wɔbɛka asase no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.