Native Bible

Isaiah 15:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nimrim nsuwansuwa awewe na ɛserɛ no ahye afifideɛ nyinaa ayera na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono.

Isaiah 15:6 in English

Isaiah 15:6 · Berean Standard Bible

The waters of Nimrim are dried up, and the grass is withered; the vegetation is gone, and the greenery is no more.

Context

4Hesbon ne Eleale teaam su, wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa. Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su, na wɔabotoboto. 5Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu; nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar, ne Eglat Selisiya. Wɔforo kɔ Luhit, wɔrekɔ nyinaa na wɔresu; Horonaim ɛkwan so nso wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ. 6Nimrim nsuwansuwa awewe na ɛserɛ no ahye afifideɛ nyinaa ayera na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono. 7Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ no wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa. 8Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so; wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaim na wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.