Native Bible

Isaiah 15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Yesaia 15
1Adehunu a ɛfa Moab ho: Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab anadwo koro pɛ! Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab anadwo koro pɛ!* 2Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu, ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su; Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho. Wɔayi eti biara so nwi na abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa. 3Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so; wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛ wɔn nyinaa retwa adwo, wɔdeda fam na wɔsu. 4Hesbon ne Eleale teaam su, wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa. Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su, na wɔabotoboto. 5Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu; nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar, ne Eglat Selisiya. Wɔforo kɔ Luhit, wɔrekɔ nyinaa na wɔresu; Horonaim ɛkwan so nso wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ. 6Nimrim nsuwansuwa awewe na ɛserɛ no ahye afifideɛ nyinaa ayera na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono. 7Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ no wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa. 8Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so; wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaim na wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim. 9Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaa nanso mɛkɔ so ne no adi. Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no so ne wɔn a wɔbɛka asase no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.