Yesaia 15:3
Isaiah 15:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so; wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛ wɔn nyinaa retwa adwo, wɔdeda fam na wɔsu.
Isaiah 15:3 in English
Isaiah 15:3 · Berean Standard Bible
In its streets they wear sackcloth; on the rooftops and in the public squares they all wail, falling down weeping.
Context
1Adehunu a ɛfa Moab ho:
Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab
anadwo koro pɛ!
Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab
anadwo koro pɛ!* 2Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,
ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su;
Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.
Wɔayi eti biara so nwi
na abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa. 3Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so;
wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛ
wɔn nyinaa retwa adwo,
wɔdeda fam na wɔsu. 4Hesbon ne Eleale teaam su,
wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa.
Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su,
na wɔabotoboto. 5Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu;
nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar,
ne Eglat Selisiya.
Wɔforo kɔ Luhit,
wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;
Horonaim ɛkwan so nso
wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.