Hosea 8:6
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔfiri Israel! Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wɔbɛbubu mu asinasini, saa Samaria nantwie ba no.
Hosea 8:6 in English
Hosea 8:6 · Berean Standard Bible
For this thing is from Israel— a craftsman made it, and it is not God. It will be broken to pieces, that calf of Samaria.
Context
4Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee
wɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so.
Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho
de sɛeɛ wɔn ankasa ho. 5To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria!
Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so.
Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn? 6Wɔfiri Israel!
Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ;
ɛnyɛ Onyankopɔn!
Wɔbɛbubu mu asinasini,
saa Samaria nantwie ba no. 7“Wɔdua mframa
na wɔtwa ntwahoframa.
Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire;
enti wɔrennya esam mfiri mu.
Sɛ ɛso aduane mpo a,
ahɔhoɔ na wɔbɛdi. 8Wɔamene Israel;
afei ɔfra aman no mu
te sɛ adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.