Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee wɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho de sɛeɛ wɔn ankasa ho.

Hosea 8:4 in English

Hosea 8:4 · Berean Standard Bible

They set up kings, but not by Me. They make princes, but without My approval. With their silver and gold they make themselves idols, to their own destruction.

Context

2Afei, Israel su frɛ me sɛ, ‘Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛgye wo to mu!’ 3Nanso, Israel apo deɛ ɛyɛ; ɔtamfoɔ bɛtaa no. 4Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee wɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho de sɛeɛ wɔn ankasa ho. 5To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria! Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so. Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn? 6Wɔfiri Israel! Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wɔbɛbubu mu asinasini, saa Samaria nantwie ba no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.