Hosea 5:8
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Hyɛn totorobɛnto no wɔ Gibea. Hyɛn abɛn no wɔ Rama. Momma ɔko nteam so wɔ Bet Awen; Ao, Benyamin akofoɔ, monsɔre nni anim.
Hosea 5:8 in English
Hosea 5:8 · Berean Standard Bible
Blow the ram’s horn in Gibeah, the trumpet in Ramah; raise the battle cry in Beth-aven:* Lead on, O Benjamin!
Context
6Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwie
kɔhwehwɛ Awurade a
Wɔrenhunu no,
ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho. 7Wɔanni Awurade nokorɛ.
Wɔwowoo adwamam mma.
Afei wɔn Bosome Foforɔ Afahyɛ
bɛsɛe wɔn ne wɔn nsase. 8“Hyɛn totorobɛnto no wɔ Gibea.
Hyɛn abɛn no wɔ Rama.
Momma ɔko nteam so wɔ Bet Awen;
Ao, Benyamin akofoɔ, monsɔre nni anim. 9Wɔbɛsɛe Efraim
wɔ akontabuo da.
Israel mmusuakuo no mu no
mepae mu ka deɛ ɛwom. 10Yuda sodifoɔ no te sɛ
wɔn a wɔyiyi ahyeɛso aboɔ.
Mɛhwie mʼabufuo agu wɔn so
te sɛ nsuyire.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.