Hosea 4:5
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mosunti awia ne anadwo, na adiyifoɔ no ne mo sunti. Ɛno enti mɛsɛe mo ɔman.
Hosea 4:5 in English
Hosea 4:5 · Berean Standard Bible
You will stumble by day, and the prophet will stumble with you by night; so I will destroy your mother—
Context
3Yei enti asase no di awerɛhoɔ
na wɔn a ɛte so nyinaa wuwu;
ewiram mmoa, ewiem nnomaa
ne ɛpo mu nam rewuwu. 4“Mma obiara mmɔ kwaadu,
mma obiara mmɔ ɔfoforɔ soboɔ.
Na mmom, mo asɔfoɔ
mo na me ne mo anya. 5Mosunti awia ne anadwo,
na adiyifoɔ no ne mo sunti.
Ɛno enti mɛsɛe mo ɔman. 6Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe.
“Sɛ moapo nimdeɛ enti,
me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ;
sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti,
me nso mabu mʼani agu mo mma so. 7Asɔfoɔ no redɔɔso no
na bɔne a ɛboro soɔ na wɔyɛ tia me.
Wɔde wɔn Animuonyam asesa deɛ ɛyɛ animguaseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.