Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɛwom sɛ woyɛ ɔwaresɛefoɔ deɛ, Ao Israel, nanso, mma Yuda nni ho fɔ. “Nkɔ Gilgal; na ɛmforo nkɔ Bet Awen. Na nnka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’

Hosea 4:15 in English

Hosea 4:15 · Berean Standard Bible

Though you prostitute yourself, O Israel, may Judah avoid such guilt! Do not journey to Gilgal, do not go up to Beth-aven,* and do not swear on oath, ‘As surely as the LORD lives!’

Context

13Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifi na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so: odum, duafufuo ne odupɔn ase, deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ. Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔ na mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ. 14“Merentwe mo mmammaa aso sɛ wɔadane adwamanfoɔ, anaa mo nsenom mmaa aso sɛ wɔasɛe awadeɛ. Ɛfiri sɛ, mo mmarima, mo nso mote saa ara. Mo ne baasifoɔ ne abosomfieso adwamanfoɔ di hwebom. Nnipa a wɔnni nteaseɛ bɛkɔ ɔsɛeɛ mu! 15“Ɛwom sɛ woyɛ ɔwaresɛefoɔ deɛ, Ao Israel, nanso, mma Yuda nni ho fɔ. “Nkɔ Gilgal; na ɛmforo nkɔ Bet Awen. Na nnka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’ 16Israelfoɔ yɛ asoɔdenfoɔ te sɛ, nantwie ba a ɔyɛ asowuiɛ ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so sɛ nnwammaa a wɔwɔ adidibea? 17Efraim de ne ho abɔ ahoni; Gyaa no!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.