Hosea 4:11
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
adwamammɔ, nsã dada ne foforɔ, a ɛma me nkurɔfoɔ
Hosea 4:11 in English
Hosea 4:11 · Berean Standard Bible
Promiscuity, wine, and new wine take away understanding.
Context
9Sɛdeɛ nnipa no teɛ no, saa ara na asɔfoɔ no nso teɛ.
Metwe wɔn mmienu aso wɔ wɔn akwan ho
na matua wɔn wɔn nneyɛeɛ so ka. 10“Wɔbɛdidi, nanso wɔremmee.
Wɔbɛbɔ adwaman, nanso wɔrennɔre,
ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade hɔ,
de wɔn ho ama 11adwamammɔ,
nsã dada ne foforɔ,
a ɛma me nkurɔfoɔ 12nteaseɛ tu yera.
Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asene nkyɛn
na duasin bi ama wɔn mmuaeɛ.
Adwamammɔ honhom rema wɔn ayera ɛkwan;
wɔnni wɔn Onyankopɔn nokorɛ. 13Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifi
na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so:
odum, duafufuo ne odupɔn ase,
deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ.
Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔ
na mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.