Hosea 2:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ, ne me nsã foforɔ no nso saa ara. Mɛgye me kuntu ne me nwera, a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no.
Hosea 2:9 in English
Hosea 2:9 · Berean Standard Bible
Therefore I will take back My grain in its time and My new wine in its season; I will take away My wool and linen, which were given to cover her nakedness.
Context
7Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn;
ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn.
Afei, ɔbɛka sɛ,
‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no,
ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’ 8Ɔnnkae sɛ me na
memaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo,
deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so
ma wɔde kɔsom Baal no. 9“Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ,
ne me nsã foforɔ no nso saa ara.
Mɛgye me kuntu ne me nwera,
a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no. 10Enti afei mɛbɔ no adagya
wɔ nʼadɔfoɔ anim;
obiara rentumi nnye no mfiri me nsam. 11Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so:
nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ
Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.