Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so: nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa.

Hosea 2:11 in English

Hosea 2:11 · Berean Standard Bible

I will put an end to all her exultation: her feasts, New Moons, and Sabbaths— all her appointed feasts.

Context

9“Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ, ne me nsã foforɔ no nso saa ara. Mɛgye me kuntu ne me nwera, a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no. 10Enti afei mɛbɔ no adagya wɔ nʼadɔfoɔ anim; obiara rentumi nnye no mfiri me nsam. 11Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so: nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa. 12Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no; mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, ama wiram mmoa awe. 13Mɛtwe nʼaso wɔ nna a ɔhyee aduhwam maa Baal no ho; ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho, tu dii nʼadɔfoɔ akyi, medeɛ ne werɛ firii me,” deɛ Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.