Hosea 2:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no; mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, ama wiram mmoa awe.
Hosea 2:12 in English
Hosea 2:12 · Berean Standard Bible
I will destroy her vines and fig trees, which she thinks are the wages paid by her lovers. So I will make them into a thicket, and the beasts of the field will devour them.
Context
10Enti afei mɛbɔ no adagya
wɔ nʼadɔfoɔ anim;
obiara rentumi nnye no mfiri me nsam. 11Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so:
nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ
Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa. 12Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua,
deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no;
mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ,
ama wiram mmoa awe. 13Mɛtwe nʼaso wɔ nna a
ɔhyee aduhwam maa Baal no ho;
ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho,
tu dii nʼadɔfoɔ akyi,
medeɛ ne werɛ firii me,”
deɛ Awurade seɛ nie. 14“Enti merekɔdaadaa no;
mede no bɛkɔ anweatam so
na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.