Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔnnkae sɛ me na memaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo, deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so ma wɔde kɔsom Baal no.

Hosea 2:8 in English

Hosea 2:8 · Berean Standard Bible

For she does not acknowledge that it was I who gave her grain, new wine, and oil, who lavished on her silver and gold— which they crafted for Baal.

Context

6Yei enti, mede nkasɛɛ bɛsi no ɛkwan; mɛto ɔfasuo afa no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnhunu ɛkwan. 7Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn; ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn. Afei, ɔbɛka sɛ, ‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’ 8Ɔnnkae sɛ me na memaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo, deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so ma wɔde kɔsom Baal no. 9“Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ, ne me nsã foforɔ no nso saa ara. Mɛgye me kuntu ne me nwera, a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no. 10Enti afei mɛbɔ no adagya wɔ nʼadɔfoɔ anim; obiara rentumi nnye no mfiri me nsam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.