Hosea 14:2
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Fa wo nsɛm a wowɔ sane kɔ Awurade nkyɛn. Ka kyerɛ no sɛ, “Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, na fa ahummɔborɔ gye yɛn, na yɛatumi ayi wo ayɛ.
Hosea 14:2 in English
Hosea 14:2 · Berean Standard Bible
Bring your confessions and return to the LORD. Say to Him: “Take away all our iniquity and receive us graciously, that we may present the fruit of our lips.*
Context
1Ao Israel, sane wʼakyi kɔ Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn.
Wʼahweaseɛ firi wo bɔne! 2Fa wo nsɛm a wowɔ
sane kɔ Awurade nkyɛn.
Ka kyerɛ no sɛ,
“Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn,
na fa ahummɔborɔ gye yɛn,
na yɛatumi ayi wo ayɛ. 3Asiria rentumi nnye yɛn;
yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so.
Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’
nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ,
na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.” 4“Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ.
Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn,
ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.