Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ. Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn, ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio.

Hosea 14:4 in English

Hosea 14:4 · Berean Standard Bible

I will heal their apostasy; I will freely love them, for My anger has turned away from them.

Context

2Fa wo nsɛm a wowɔ sane kɔ Awurade nkyɛn. Ka kyerɛ no sɛ, “Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, na fa ahummɔborɔ gye yɛn, na yɛatumi ayi wo ayɛ. 3Asiria rentumi nnye yɛn; yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so. Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’ nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.” 4“Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ. Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn, ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio. 5Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko. Te sɛ Lebanon ntweneduro no ɔde ne nhini bɛtim fam; 6ne mman bɛdennan. Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua, na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.