Native Bible

Hebrews 4:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔkaa saa asɛm korɔ yi ara bio sɛ, “Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.”

Hebrews 4:5 in English

Hebrews 4:5 · Berean Standard Bible

And again, as He says in the passage above: “They shall never enter My rest.”

Context

3Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa home no mu* sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Enti mefiri mʼabufuo mu ka ntam sɛ, ‘Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.’ ” Ɔkaa saa asɛm yi deɛ, nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbɔɔ ewiase no, na wawie ɔhome dwumadie no dada. 4Na Atwerɛsɛm no mu baabi wɔka biribi fa da a ɛtɔ so nson no ho sɛ, “Ɛda a ɛtɔ so nson no, Onyankopɔn home firii ne nnwuma nyinaa mu.” 5Wɔkaa saa asɛm korɔ yi ara bio sɛ, “Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.” 6Wɔn a wɔdii ɛkan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, ɛfiri sɛ, wɔannye anni. Afoforɔ bi nso wɔ hɔ a wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnnya ahome no. 7Enti Onyankopɔn aka sɛ wayi ɛda bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ.” Mfeɛ bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a mommpirim mo akoma.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.