Hebrifoɔ 4:3
Hebrews 4:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa home no mu* sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Enti mefiri mʼabufuo mu ka ntam sɛ, ‘Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.’ ” Ɔkaa saa asɛm yi deɛ, nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbɔɔ ewiase no, na wawie ɔhome dwumadie no dada.
Hebrews 4:3 in English
Hebrews 4:3 · Berean Standard Bible
Now we who have believed enter that rest. As for the others, it is just as God has said: “So I swore on oath in My anger, ‘They shall never enter My rest.’”* And yet His works have been finished since the foundation of the world.
Context
1Afei, ɛsiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home da so wɔ hɔ enti, momma yɛnhwɛ yie na mo mu bi antɔ sini wɔ mu. 2Ɛfiri sɛ wɔaka Asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso, wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔtiee no no annye anni. 3Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa home no mu*
sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Enti mefiri mʼabufuo mu ka ntam sɛ,
‘Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.’ ”
Ɔkaa saa asɛm yi deɛ, nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbɔɔ ewiase no, na wawie ɔhome dwumadie no dada. 4Na Atwerɛsɛm no mu baabi wɔka biribi fa da a ɛtɔ so nson no ho sɛ, “Ɛda a ɛtɔ so nson no, Onyankopɔn home firii ne nnwuma nyinaa mu.” 5Wɔkaa saa asɛm korɔ yi ara bio sɛ, “Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.