Hebrifoɔ 4:7
Hebrews 4:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti Onyankopɔn aka sɛ wayi ɛda bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ.” Mfeɛ bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a mommpirim mo akoma.”
Hebrews 4:7 in English
Hebrews 4:7 · Berean Standard Bible
God again designated a certain day as “Today,” when a long time later He spoke through David as was just stated: “Today, if you hear His voice, do not harden your hearts.”*
Context
5Wɔkaa saa asɛm korɔ yi ara bio sɛ, “Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.” 6Wɔn a wɔdii ɛkan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, ɛfiri sɛ, wɔannye anni. Afoforɔ bi nso wɔ hɔ a wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnnya ahome no. 7Enti Onyankopɔn aka sɛ wayi ɛda bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ.” Mfeɛ bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ,
“Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a
mommpirim mo akoma.” 8Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyire no Onyankopɔn anka da foforɔ ho asɛm. 9Sɛdeɛ ɛte yi, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.