Native Bible

Hebrews 3:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”

Hebrews 3:15 in English

Hebrews 3:15 · Berean Standard Bible

As it has been said: “Today, if you hear His voice, do not harden your hearts, as you did in the rebellion.”*

Context

13Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden enti, da biara mommoaboa mo ho mo ho ɛberɛ a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no. 14Na sɛ yɛsɔ gyidie a yɛwɔ no mu denden sɛdeɛ yɛde firi ahyɛaseɛ no a, na yɛyɛ Kristo fafafoɔ. 15Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.” 16Ɛhefoɔ na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim firi Misraim no nyinaa. 17Ɛhefoɔ na Onyankopɔn bo fuu wɔn mfirinhyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtete hwe wuwuu wɔ ɛserɛ so no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.