Native Bible

Hebrews 3:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho.

Hebrews 3:12 in English

Hebrews 3:12 · Berean Standard Bible

See to it, brothers, that none of you has a wicked heart of unbelief that turns away from the living God.

Context

10Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.’ 11Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ, ‘Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.’ ” 12Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho. 13Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden enti, da biara mommoaboa mo ho mo ho ɛberɛ a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no. 14Na sɛ yɛsɔ gyidie a yɛwɔ no mu denden sɛdeɛ yɛde firi ahyɛaseɛ no a, na yɛyɛ Kristo fafafoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.