Native Bible

Hebrews 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.’

Hebrews 3:10 in English

Hebrews 3:10 · Berean Standard Bible

Therefore I was angry with that generation, and I said, ‘Their hearts are always going astray, and they have not known My ways.’

Context

8monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no. 9Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ no hwɛeɛ, nanso wɔhunuu deɛ meyɛɛ no mfeɛ aduanan mu. 10Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.’ 11Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ, ‘Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.’ ” 12Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.