Native Bible

Hebrews 3:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no.

Hebrews 3:8 in English

Hebrews 3:8 · Berean Standard Bible

do not harden your hearts, as you did in the rebellion, in the day of testing in the wilderness,

Context

6Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidie wɔ yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fiefoɔ. 7Enti Honhom Kronkron no ka sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, 8monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no. 9Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ no hwɛeɛ, nanso wɔhunuu deɛ meyɛɛ no mfeɛ aduanan mu. 10Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.