Hebrifoɔ 13:5
Hebrews 13:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monyi sikanibereɛ mfiri mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ deɛ mo nsa ka. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Merennya wo, na merennya wo da.”
Hebrews 13:5 in English
Hebrews 13:5 · Berean Standard Bible
Keep your lives free from the love of money and be content with what you have, for God has said: “Never will I leave you, never will I forsake you.”*
Context
3Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehunu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛrehunu saa amane no. 4Mo nyinaa nni awadeɛ ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho nokorɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamanfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn. 5Monyi sikanibereɛ mfiri mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ deɛ mo nsa ka. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn aka sɛ,
“Merennya wo,
na merennya wo da.” 6Momma yɛnsi yɛn bo nka sɛ,
“Awurade ne me ɔboafoɔ, enti merensuro.
Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?” 7Monkae mo mpanimfoɔ a wɔdii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɛkwan a wɔfaa so tenaa ase na monsua wɔn gyidie no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.