Hebrifoɔ 13:7
Hebrews 13:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monkae mo mpanimfoɔ a wɔdii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɛkwan a wɔfaa so tenaa ase na monsua wɔn gyidie no.
Hebrews 13:7 in English
Hebrews 13:7 · Berean Standard Bible
Remember your leaders who spoke the word of God to you. Consider the outcome of their way of life and imitate their faith.
Context
5Monyi sikanibereɛ mfiri mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ deɛ mo nsa ka. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn aka sɛ,
“Merennya wo,
na merennya wo da.” 6Momma yɛnsi yɛn bo nka sɛ,
“Awurade ne me ɔboafoɔ, enti merensuro.
Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?” 7Monkae mo mpanimfoɔ a wɔdii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɛkwan a wɔfaa so tenaa ase na monsua wɔn gyidie no. 8Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa. 9Mommma nkyerɛkyerɛ foforɔ biara nntwe mo mmfiri ɛkwan pa so. Ɛyɛ sɛ Onyankopɔn adom enti, yɛn kra bɛnyini ahoɔden so a ɛmfiri aduane ho mmara a yɛdi so no. Wɔn a wɔdi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.