Native Bible

Habakkuk 3:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade, wo bo fuu nsubɔntene no? Wʼabofuo no tiaa nsuwansuwa no? Wosɔre tiaa ɛpo, ɛberɛ a wo ne wʼapɔnkɔ ne nkonimdie nteaseɛnam nam.

Habakkuk 3:8 in English

Habakkuk 3:8 · Berean Standard Bible

Were You angry at the rivers, O LORD? Was Your wrath against the streams? Did You rage against the sea when You rode on Your horses, on Your chariots of salvation?

Context

6Sɛ ɔgyina a, asase woso. Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman woso. Tete mmepɔ dwiri, na nkokoɔ a ɛfiri tete no ka sram so. Nʼakwan nntwa mu da. 7Mehunuu Kusanfoɔ ntomadan a ateteɛ ne Midianfoɔ* atenaeɛ a agyigya. 8Awurade, wo bo fuu nsubɔntene no? Wʼabofuo no tiaa nsuwansuwa no? Wosɔre tiaa ɛpo, ɛberɛ a wo ne wʼapɔnkɔ ne nkonimdie nteaseɛnam nam. 9Woyii wo tadua, Wobisaa sɛ wɔmmrɛ wo agyan bebree. Wode nsubɔntene paapae asase mu. 10Mmepɔ hunuu wo, na wɔwosoeɛ Nsuohwiam bɛsene kɔeɛ. Ebunu no woro so, na ɛhuru baa soro.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.