Habakuk 3:10
Habakkuk 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmepɔ hunuu wo, na wɔwosoeɛ Nsuohwiam bɛsene kɔeɛ. Ebunu no woro so, na ɛhuru baa soro.
Habakkuk 3:10 in English
Habakkuk 3:10 · Berean Standard Bible
The mountains saw You and quaked; torrents of water swept by. The deep roared with its voice and lifted its hands on high.
Context
8Awurade, wo bo fuu nsubɔntene no?
Wʼabofuo no tiaa nsuwansuwa no?
Wosɔre tiaa ɛpo,
ɛberɛ a wo ne wʼapɔnkɔ
ne nkonimdie nteaseɛnam nam. 9Woyii wo tadua,
Wobisaa sɛ wɔmmrɛ wo agyan bebree.
Wode nsubɔntene paapae asase mu. 10Mmepɔ hunuu wo, na wɔwosoeɛ
Nsuohwiam bɛsene kɔeɛ.
Ebunu no woro so,
na ɛhuru baa soro. 11Owia ne ɔsrane gyinagyinaa sorosoro hɔ,
ɛberɛ a wohunuu wʼagyan a ɛnenam ewiem no hann no
ne wo pea a ɛpa nyinam nyinam no. 12Wʼabufuhyeɛ mu no, wonante twaa asase so
na wode abufuo tiatiaa aman no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.