Habakuk 3:7
Habakkuk 3:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mehunuu Kusanfoɔ ntomadan a ateteɛ ne Midianfoɔ* atenaeɛ a agyigya.
Habakkuk 3:7 in English
Habakkuk 3:7 · Berean Standard Bible
I saw the tents of Cushan in distress; the curtains of Midian were trembling.
Context
5Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ;
Na nsaneyadeɛ di nʼakyi pɛɛ. 6Sɛ ɔgyina a, asase woso.
Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman woso.
Tete mmepɔ dwiri,
na nkokoɔ a ɛfiri tete no ka sram so.
Nʼakwan nntwa mu da. 7Mehunuu Kusanfoɔ ntomadan a ateteɛ
ne Midianfoɔ* atenaeɛ a agyigya. 8Awurade, wo bo fuu nsubɔntene no?
Wʼabofuo no tiaa nsuwansuwa no?
Wosɔre tiaa ɛpo,
ɛberɛ a wo ne wʼapɔnkɔ
ne nkonimdie nteaseɛnam nam. 9Woyii wo tadua,
Wobisaa sɛ wɔmmrɛ wo agyan bebree.
Wode nsubɔntene paapae asase mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.