1 Mose 7:10
Genesis 7:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na nnanson no akyiri no, nsuyire no hyɛɛ aseɛ.
Genesis 7:10 in English
Genesis 7:10 · Berean Standard Bible
And after seven days the floodwaters came upon the earth.
Context
8Mmoa a wɔn ho te ne wɔn a wɔn ho nte, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, 9mmienu mmienu a wɔyɛ anini ne abereɛ kɔkaa Noa ho wɔ adaka no mu, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no. 10Na nnanson no akyiri no, nsuyire no hyɛɛ aseɛ. 11Noa dii mfeɛ ahansia no mu no, bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunson no, nsutire a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔeɛ, na ɛsoro mpomma nso buebueeɛ. 12Osuo tɔɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.