Native Bible

Genesis 7:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Osuo tɔɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.

Genesis 7:12 in English

Genesis 7:12 · Berean Standard Bible

And the rain fell upon the earth for forty days and forty nights.

Context

10Na nnanson no akyiri no, nsuyire no hyɛɛ aseɛ. 11Noa dii mfeɛ ahansia no mu no, bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunson no, nsutire a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔeɛ, na ɛsoro mpomma nso buebueeɛ. 12Osuo tɔɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. 13Saa ɛda no ara, Noa ne ne mmammarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmammarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu. 14Na wiram mmoa ahodoɔ ne nyɛmmoa ahodoɔ ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔdeɛ biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.