Native Bible

Genesis 7:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wiram mmoa ahodoɔ ne nyɛmmoa ahodoɔ ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔdeɛ biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu.

Genesis 7:14 in English

Genesis 7:14 · Berean Standard Bible

they and every kind of wild animal, livestock, crawling creature, bird, and winged creature.

Context

12Osuo tɔɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. 13Saa ɛda no ara, Noa ne ne mmammarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmammarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu. 14Na wiram mmoa ahodoɔ ne nyɛmmoa ahodoɔ ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔdeɛ biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu. 15Abɔdeɛ biara a nkwa wɔ wɔn mu mmienu mmienu baa Noa nkyɛn bɛwuraa Adaka no mu. 16Mmoa a wɔwuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abereɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.