Native Bible

Genesis 49:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Sebulon bɛtena mpoano. Ɔbɛsisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn. Nʼahyeɛ so bɛtrɛ akɔsi Sidon.

Genesis 49:13 in English

Genesis 49:13 · Berean Standard Bible

Zebulun shall dwell by the seashore and become a harbor for ships; his border shall extend to Sidon.

Context

11Ɔbɛsa nʼafunumu wɔ bobe dua mu. Ɔde nʼafunumu ba bɛsa bobe pa mman mu. Ɔbɛsi ne ntoma wɔ nsã mu, na wasi nʼatadeɛ nso wɔ bobesa kɔɔ mu. 12Nʼaniwa aba bɛbiri asene bobesa. Ne se bɛyɛ fitaa asene nufosuo. 13“Sebulon bɛtena mpoano. Ɔbɛsisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn. Nʼahyeɛ so bɛtrɛ akɔsi Sidon. 14“Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ a ɔbutu hɔ rehome wɔ nnwankuo mu. 15Sɛ ɔhunu sɛdeɛ nʼahomegyebea yɛ fa a, ne sɛdeɛ nʼasase no so dwo a, ɔbɛkuntunu agye adesoa, na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.