Native Bible

Genesis 46:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Dan babarima yɛ Husim.

Genesis 46:23 in English

Context

21Benyamin nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard. 22Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunan. 23Dan babarima yɛ Husim. 24Naftali nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem. 25Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babaa Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodoɔ ano si nnipa baason.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.