1 Mose 45:25
Genesis 45:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, wɔfirii Misraiman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn wɔ Kanaan asase so.
Genesis 45:25 in English
Genesis 45:25 · Berean Standard Bible
So the brothers went up out of Egypt and came to their father Jacob in the land of Canaan.
Context
23Saa nneɛma a ɛdidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfunumunini edu a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfunumubereɛ edu a wɔsoso aburoo, burodo ne nnuane ahodoɔ ne nʼakwansoduane. 24Ɔgyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔkasakasa wɔ ɛkwan so.” 25Enti, wɔfirii Misraiman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn wɔ Kanaan asase so. 26Wɔduruiɛ no, wɔde anigyeɛ bɔɔ wɔn agya amaneɛ sɛ, “Yosef te ase! Nokwasɛm nie, ɔno na ɔdi Misraiman nyinaa so!” Israel tee saa asɛm yi no, ne ho dwirii no. Wannye anni. 27Na ɛberɛ a wɔkaa nsɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛka no wieeɛ no, na ɔhunuu nteaseɛnam a Yosef de somaa sɛ wɔmfa mmɛfa no no, wɔn agya Yakob ho sanee no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.