1 Mose 45:24
Genesis 45:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔgyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔkasakasa wɔ ɛkwan so.”
Genesis 45:24 in English
Genesis 45:24 · Berean Standard Bible
Then Joseph sent his brothers on their way, and as they were leaving, he said to them, “Do not quarrel on the way!”
Context
22Ɔmaa ne nuanom no mu biara atadeɛ foforɔ, nanso Benyamin deɛ, ɔmaa no ntadeɛ ahodoɔ enum ne dwetɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. 23Saa nneɛma a ɛdidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfunumunini edu a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfunumubereɛ edu a wɔsoso aburoo, burodo ne nnuane ahodoɔ ne nʼakwansoduane. 24Ɔgyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔkasakasa wɔ ɛkwan so.” 25Enti, wɔfirii Misraiman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn wɔ Kanaan asase so. 26Wɔduruiɛ no, wɔde anigyeɛ bɔɔ wɔn agya amaneɛ sɛ, “Yosef te ase! Nokwasɛm nie, ɔno na ɔdi Misraiman nyinaa so!” Israel tee saa asɛm yi no, ne ho dwirii no. Wannye anni.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.