Native Bible

Genesis 44:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Enti, saa ɛberɛ yi, sɛ yɛkɔpue firi wʼakoa, yɛn agya, anim na abɔfra yi nka yɛn ho a, ɛnneɛ, sɛdeɛ nʼakoma da abɔfra no ho fa no,

Genesis 44:30 in English

Genesis 44:30 · Berean Standard Bible

So if the boy is not with us when I return to your servant, and if my father, whose life is wrapped up in the boy’s life,

Context

28Wɔn mu baako firii me nkyɛn kɔeɛ a, manhunu no bio, ma mekaa sɛ, “Aboa bi atete no pasaa.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, menhunuu no bio. 29Sɛ mofa yei firi me nkyɛn, na asiane bi kɔsiane no wɔ ɛkwan so a, me nso, mede awerɛhoɔ bɛwu bi.’ 30“Enti, saa ɛberɛ yi, sɛ yɛkɔpue firi wʼakoa, yɛn agya, anim na abɔfra yi nka yɛn ho a, ɛnneɛ, sɛdeɛ nʼakoma da abɔfra no ho fa no, 31sɛ ɔhunu sɛ abɔfra no nka yɛn ho a, ɔbɛwu. Wo nkoa bɛma wɔn agya adi awerɛhoɔ, de ne tiri so dwono akɔ asaman. 32Wʼakoa a ɔde ne ho dii abɔfra no agyinamu sɛ ɔde no bɛba kaa sɛ, ‘Sɛ mamfa no ansane ammrɛ wo a, ɛho asodie no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.