Native Bible

Genesis 44:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

sɛ ɔhunu sɛ abɔfra no nka yɛn ho a, ɔbɛwu. Wo nkoa bɛma wɔn agya adi awerɛhoɔ, de ne tiri so dwono akɔ asaman.

Genesis 44:31 in English

Genesis 44:31 · Berean Standard Bible

sees that the boy is not with us, he will die. Then your servants will have brought the gray hair of your servant our father down to Sheol in sorrow.

Context

29Sɛ mofa yei firi me nkyɛn, na asiane bi kɔsiane no wɔ ɛkwan so a, me nso, mede awerɛhoɔ bɛwu bi.’ 30“Enti, saa ɛberɛ yi, sɛ yɛkɔpue firi wʼakoa, yɛn agya, anim na abɔfra yi nka yɛn ho a, ɛnneɛ, sɛdeɛ nʼakoma da abɔfra no ho fa no, 31sɛ ɔhunu sɛ abɔfra no nka yɛn ho a, ɔbɛwu. Wo nkoa bɛma wɔn agya adi awerɛhoɔ, de ne tiri so dwono akɔ asaman. 32Wʼakoa a ɔde ne ho dii abɔfra no agyinamu sɛ ɔde no bɛba kaa sɛ, ‘Sɛ mamfa no ansane ammrɛ wo a, ɛho asodie no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.’ 33“Afei, mesrɛ wo, ma wʼakoa nsi abɔfra no ananmu wɔ ha, na ma abɔfra no ne ne nuammarima no nsane nkɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.