Native Bible

Genesis 44:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ mofa yei firi me nkyɛn, na asiane bi kɔsiane no wɔ ɛkwan so a, me nso, mede awerɛhoɔ bɛwu bi.’

Genesis 44:29 in English

Genesis 44:29 · Berean Standard Bible

Now if you also take this one from me and harm comes to him, you will bring my gray hair down to Sheol in sorrow.’

Context

27“Afei, wo ɔsomfoɔ, yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monim sɛ me ne me yere woo mmammarima baanu. 28Wɔn mu baako firii me nkyɛn kɔeɛ a, manhunu no bio, ma mekaa sɛ, “Aboa bi atete no pasaa.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, menhunuu no bio. 29Sɛ mofa yei firi me nkyɛn, na asiane bi kɔsiane no wɔ ɛkwan so a, me nso, mede awerɛhoɔ bɛwu bi.’ 30“Enti, saa ɛberɛ yi, sɛ yɛkɔpue firi wʼakoa, yɛn agya, anim na abɔfra yi nka yɛn ho a, ɛnneɛ, sɛdeɛ nʼakoma da abɔfra no ho fa no, 31sɛ ɔhunu sɛ abɔfra no nka yɛn ho a, ɔbɛwu. Wo nkoa bɛma wɔn agya adi awerɛhoɔ, de ne tiri so dwono akɔ asaman.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.