Native Bible

Genesis 44:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Afei, wo ɔsomfoɔ, yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monim sɛ me ne me yere woo mmammarima baanu.

Genesis 44:27 in English

Genesis 44:27 · Berean Standard Bible

And your servant my father said to us, ‘You know that my wife bore me two sons.

Context

25“Ɛnna yɛn agya kaa sɛ, ‘Monsane nkɔ bio nkɔtɔ aduane kakra mmra.’ 26Nanso, yɛka kyerɛɛ yɛn agya sɛ, ‘Yɛrentumi nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Sɛ yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.’ 27“Afei, wo ɔsomfoɔ, yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monim sɛ me ne me yere woo mmammarima baanu. 28Wɔn mu baako firii me nkyɛn kɔeɛ a, manhunu no bio, ma mekaa sɛ, “Aboa bi atete no pasaa.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, menhunuu no bio. 29Sɛ mofa yei firi me nkyɛn, na asiane bi kɔsiane no wɔ ɛkwan so a, me nso, mede awerɛhoɔ bɛwu bi.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.