1 Mose 42:24
Genesis 42:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yosef sɔre firii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ. Ɔsane baeɛ ne wɔn bɛkasaa bio. Ɔyii Simeon firii wɔn mu, ma wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.
Genesis 42:24 in English
Genesis 42:24 · Berean Standard Bible
And he turned away from them and wept. When he turned back and spoke to them, he took Simeon from them and had him bound before their eyes.
Context
22Afei, anuanom no mu panin a wɔfrɛ no Ruben no kaa sɛ, “Manka mankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yɛbu ne mogya ho akonta” 23Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no enti, na wɔnnim sɛ Yosef te wɔn kasa. 24Yosef sɔre firii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ. Ɔsane baeɛ ne wɔn bɛkasaa bio. Ɔyii Simeon firii wɔn mu, ma wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim. 25Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotokuo no aburoo ma ma, na wɔnsane mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburoo nhyɛ ne kotokuo mu, na wɔmma wɔn akwansoduane nso nka ho. Wɔyɛɛ yei maa wɔn. 26Wɔhyehyɛɛ wɔn aburoo nkotokuo no wɔ mfunumu no so, siim sɛ wɔrekɔ wɔn kurom.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.