Native Bible

Genesis 42:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no enti, na wɔnnim sɛ Yosef te wɔn kasa.

Genesis 42:23 in English

Genesis 42:23 · Berean Standard Bible

They did not realize that Joseph understood them, since there was an interpreter between them.

Context

21Afei, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Nokorɛm, yɛn nuabarima yi enti na wɔretwe yɛn aso. Yɛhunuu sɛdeɛ wabɔ huboa ne sɛdeɛ ɔsrɛɛ ne nkwa no, nanso yɛantie. Ɛno enti na saa amanehunu yi a aba yɛn so ɛnnɛ yi.” 22Afei, anuanom no mu panin a wɔfrɛ no Ruben no kaa sɛ, “Manka mankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yɛbu ne mogya ho akonta” 23Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no enti, na wɔnnim sɛ Yosef te wɔn kasa. 24Yosef sɔre firii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ. Ɔsane baeɛ ne wɔn bɛkasaa bio. Ɔyii Simeon firii wɔn mu, ma wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim. 25Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotokuo no aburoo ma ma, na wɔnsane mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburoo nhyɛ ne kotokuo mu, na wɔmma wɔn akwansoduane nso nka ho. Wɔyɛɛ yei maa wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.