1 Mose 42:22
Genesis 42:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, anuanom no mu panin a wɔfrɛ no Ruben no kaa sɛ, “Manka mankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yɛbu ne mogya ho akonta”
Genesis 42:22 in English
Genesis 42:22 · Berean Standard Bible
And Reuben responded, “Didn’t I tell you not to sin against the boy? But you would not listen. Now we must account for his blood!”
Context
20Nanso, ɛkwan biara so no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ, asɛm a moreka no yɛ nokorɛ anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Na sɛ nokorɛ na moreka deɛ a, mɛgyaa mo.” Wɔpenee abisadeɛ a Yosef de too wɔn anim no so. 21Afei, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Nokorɛm, yɛn nuabarima yi enti na wɔretwe yɛn aso. Yɛhunuu sɛdeɛ wabɔ huboa ne sɛdeɛ ɔsrɛɛ ne nkwa no, nanso yɛantie. Ɛno enti na saa amanehunu yi a aba yɛn so ɛnnɛ yi.” 22Afei, anuanom no mu panin a wɔfrɛ no Ruben no kaa sɛ, “Manka mankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yɛbu ne mogya ho akonta” 23Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no enti, na wɔnnim sɛ Yosef te wɔn kasa. 24Yosef sɔre firii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ. Ɔsane baeɛ ne wɔn bɛkasaa bio. Ɔyii Simeon firii wɔn mu, ma wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.