1 Mose 41:45
Genesis 41:45 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Farao maa Yosef ahene din sɛ Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbaa nso wareeɛ. Na ababaawa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa. Ɛnam yei so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa Misraim asase so nyinaa.
Genesis 41:45 in English
Genesis 41:45 · Berean Standard Bible
Pharaoh gave Joseph the name Zaphenath-paneah,* and he gave him Asenath daughter of Potiphera, priest of On,* to be his wife. And Joseph took charge of all the land of Egypt.
Context
43Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabadiakyire. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teateaam sɛ, “monkoto no!” Saa ɛkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. 44Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Mene Farao Misraimhene deɛ, nanso obiara ntumi mfiri wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraiman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.” 45Farao maa Yosef ahene din sɛ Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbaa nso wareeɛ. Na ababaawa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa. Ɛnam yei so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa Misraim asase so nyinaa. 46Ɛberɛ a Yosef kɔɔ ɔhene Farao adwa ase no, na wadi mfirinhyia aduasa. Farao maa Yosef ɛkwan ma ɔbɔɔ aporɔ faa Misraim asase so nyinaa. 47Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no, aduane buu so wɔ Misraim asase so yie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.