Native Bible

Genesis 41:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Mene Farao Misraimhene deɛ, nanso obiara ntumi mfiri wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraiman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.”

Genesis 41:44 in English

Genesis 41:44 · Berean Standard Bible

And Pharaoh declared to Joseph, “I am Pharaoh, but without your permission, no one in all the land of Egypt shall lift his hand or foot.”

Context

42Afei, Farao worɔɔ ne nsɔano kawa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde serekye batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no. 43Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabadiakyire. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teateaam sɛ, “monkoto no!” Saa ɛkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. 44Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Mene Farao Misraimhene deɛ, nanso obiara ntumi mfiri wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraiman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.” 45Farao maa Yosef ahene din sɛ Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbaa nso wareeɛ. Na ababaawa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa. Ɛnam yei so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa Misraim asase so nyinaa. 46Ɛberɛ a Yosef kɔɔ ɔhene Farao adwa ase no, na wadi mfirinhyia aduasa. Farao maa Yosef ɛkwan ma ɔbɔɔ aporɔ faa Misraim asase so nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.