1 Mose 41:42
Genesis 41:42 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Farao worɔɔ ne nsɔano kawa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde serekye batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no.
Genesis 41:42 in English
Genesis 41:42 · Berean Standard Bible
Then Pharaoh removed the signet ring from his finger, put it on Joseph’s finger, clothed him in garments of fine linen, and placed a gold chain around his neck.
Context
40Ɛnnɛ, mede saa adwuma kɛseɛ yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahennwa a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ kɛse sene wo.” 41Enti, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ de rekorɔ, mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.” 42Afei, Farao worɔɔ ne nsɔano kawa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde serekye batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no. 43Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabadiakyire. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teateaam sɛ, “monkoto no!” Saa ɛkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. 44Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Mene Farao Misraimhene deɛ, nanso obiara ntumi mfiri wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraiman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.