Native Bible

Genesis 40:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔwɛmfoɔ panin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ deɛ ɛhia wɔn nyinaa mma wɔn. Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no,

Genesis 40:4 in English

Genesis 40:4 · Berean Standard Bible

The captain of the guard assigned them to Joseph, and he became their personal attendant. After they had been in custody for some time,

Context

2Farao bo fuu ne nsãhyɛfoɔ panin no ne ne burodotofoɔ panin no yie. 3Enti, ɔde wɔn too afiase wɔ ɔwɛmfoɔ panin Potifar no fie, baabi korɔ no ara a wɔde Yosef kɔtoeɛ hɔ. 4Ɔwɛmfoɔ panin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ deɛ ɛhia wɔn nyinaa mma wɔn. Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no, 5nnipa baanu no nyinaa a na wɔyɛ ɔhene Farao burodotofoɔ panin ne nsãhyɛfoɔ panin a na wɔgu afiase hɔ no sosoo daeɛ anadwo korɔ no ara. Na saa daeɛ mmienu no mu biara wɔ ne nkyerɛaseɛ. 6Adeɛ kyeeɛ a Yosef baa nneduafoɔ baanu no nkyɛn no, ɔhunuu sɛ wɔn nyinaa ayeyɛ mosomosoo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.