Native Bible

Genesis 40:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Farao bo fuu ne nsãhyɛfoɔ panin no ne ne burodotofoɔ panin no yie.

Genesis 40:2 in English

Genesis 40:2 · Berean Standard Bible

Pharaoh was angry with his two officers, the chief cupbearer and the chief baker,

Context

1Mmerɛ tiawa bi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsãhyɛfoɔ panin ne ne burodotofoɔ panin fom no. 2Farao bo fuu ne nsãhyɛfoɔ panin no ne ne burodotofoɔ panin no yie. 3Enti, ɔde wɔn too afiase wɔ ɔwɛmfoɔ panin Potifar no fie, baabi korɔ no ara a wɔde Yosef kɔtoeɛ hɔ. 4Ɔwɛmfoɔ panin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ deɛ ɛhia wɔn nyinaa mma wɔn. Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.