1 Mose 4:20
Genesis 4:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ada woo Yabal a nʼasefoɔ yɛ wɔn a wɔte ntomadan mu yɛn mmoa.
Genesis 4:20 in English
Genesis 4:20 · Berean Standard Bible
Adah gave birth to Jabal; he was the father of those who dwell in tents and raise livestock.
Context
18Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek. 19Lamek waree mmaa baanu a wɔn din de Ada ne Sila. 20Ada woo Yabal a nʼasefoɔ yɛ wɔn a wɔte ntomadan mu yɛn mmoa. 21Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefoɔ yɛ mmɛnhyɛnfoɔ ne asankubɔfoɔ. 22Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ ne nnadeɛ ahodoɔ nyinaa atomfoɔ agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabaa bi a ne din de Naama.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.