1 Mose 4:21
Genesis 4:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefoɔ yɛ mmɛnhyɛnfoɔ ne asankubɔfoɔ.
Genesis 4:21 in English
Genesis 4:21 · Berean Standard Bible
And his brother’s name was Jubal; he was the father of all who play the harp and flute.
Context
19Lamek waree mmaa baanu a wɔn din de Ada ne Sila. 20Ada woo Yabal a nʼasefoɔ yɛ wɔn a wɔte ntomadan mu yɛn mmoa. 21Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefoɔ yɛ mmɛnhyɛnfoɔ ne asankubɔfoɔ. 22Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ ne nnadeɛ ahodoɔ nyinaa atomfoɔ agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabaa bi a ne din de Naama. 23Ɛda bi Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila sɛ,
“Montie me, me yerenom
makum aberanteɛ bi a,
ɔto hyɛɛ me so, piraa me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.